-
Mateo 9:2-8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 Na hwɛ! na wɔde obubuafo bi a ɔda kɛtɛ so rebrɛ no. Bere a Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam! Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 3 Ɛnna akyerɛwfo bi keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Damfo yi reka abususɛm.” 4 Ná Yesu nim wɔn adwene, enti obisae sɛ: “Adɛn nti na moredwen bɔne mo koma mu?+ 5 Mohwɛ a, nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ́ wɔbɛka sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nantew’?+ 6 Nanso, nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” afei ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi.”+ 7 Ɛnna ɔsɔree, na ɔkɔɔ ne fi. 8 Bere a nnipadɔm no huu eyi no, ehu kaa wɔn. Na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde tumi a ɛte saa maa nnipa no anuonyam.
-