-
Mateo 9:23-26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 Afei, bere a Yesu baa ɔpanyin* no fi, na ohuu wɔn a wɔrebɔ atɛntɛbɛn ne nnipadɔm a wɔreyɛ gyegyeegye no,+ 24 Yesu kae sɛ: “Mumfi ha, na abeawa no nwui, na mmom wada.”+ Ɔkaa saa no, wofii ase serew no. 25 Bere a nnipadɔm no fii adi ara pɛ, ɔkɔɔ baabi a abeawa no da no kosoo ne nsa,+ na abeawa no sɔree.+ 26 Nokwarem no, eyi ho asɛm trɛw kɔɔ mpɔtam hɔ nyinaa.
-
-
Marko 5:38-43Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
38 Enti wɔbaa hyiadan mu panyin no fi, na ohui sɛ ɛhɔ ayɛ gyegyeegye, na nnipa resu teɛteɛm.+ 39 Bere a Yesu wuraa mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresu na moreyɛ gyegyeegye? Abofra no nwui, na mmom wada.”+ 40 Ɔkaa saa no, wofii ase serew no. Ɛnna ɔpam wɔn nyinaa fii hɔ, na ɔfaa abofra no papa ne ne maame ne wɔn a wɔka ne ho no, na ɔkɔɔ baabi a abofra no wɔ no. 41 Ɛnna osoo abofra ketewa no nsa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Talita kuum,” a ɛkyerɛ sɛ: “Abeawa, mise wo sɛ, sɔre!”+ 42 Ɛhɔ ara na abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee. (Ná wadi mfe 12.) Bere a ne papa ne ne maame hui no, wɔn ani gyei papaapa. 43 Na ɔbaraa wɔn tĩĩ mu sɛ* wɔnnka nnkyerɛ obiara,+ na ɔkae sɛ wɔmma abeawa no biribi nni.
-