27 Ɛnna Yesu ne n’asuafo no fii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraase. Bere a wɔnam kwan so no, ofii ase bisaa n’asuafo no sɛ: “Nkurɔfo se mene hena?”+28 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni,+ ebinom se Elia,+ ɛnna ebinom nso se adiyifo no mu baako.”
18 Akyiri yi, bere a ɔno nko ara rebɔ mpae no, asuafo no baa ne nkyɛn, na obisaa wɔn sɛ: “Nnipadɔm no se mene hena?”+19 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni, ebinom se Elia, ɛnna ebinom nso se tete adiyifo no mu baako na wasɔre.”+