-
Mateo 18:1-5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Saa bere no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisae sɛ: “Hena paa na ɔyɛ kɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu?”+ 2 Enti ɔfrɛɛ abofra kumaa bi, na ɔde no gyinaa wɔn mfinimfini. 3 Ɛnna ɔkae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ moansakra* anyɛ sɛ mmofra nkumaa+ a, morenkɔ ɔsoro Ahenni no mu da.+ 4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ abofra kumaa yi no, ɔno na ɔyɛ kɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu,+ 5 na obiara a obegye abofra kumaa a ɔte sɛɛ me din mu no, na wagye me nso.
-
-
Marko 9:33-37Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
33 Na wɔkɔɔ Kapernaum. Bere a ɔwɔ ofi no mu no, obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na na moregye ho akyinnye wɔ kwan so no?”+ 34 Wɔyɛɛ dinn, efisɛ bere a wɔnam kwan so no, na wɔregye akyinnye sɛ hena na ɔyɛ wɔn mu kɛse. 35 Enti ɔtenaa ase, na ɔfrɛɛ Dumien no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi kan a, ɛsɛ sɛ odi akyi koraa na ɔsom mo nyinaa.”+ 36 Na ɔfaa abofra kumaa bi, na ɔde no gyinaa wɔn mfinimfini. Ɛnna ɔde ne nsa too ne kɔn mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 37 “Obiara a obegye mmofra nkumaa+ yi mu baako me din mu no, na wagye me nso; na obiara a obegye me no, ɛnyɛ me nko na ogye me, na mmom Nea ɔsomaa me no nso.”+
-