-
Mateo 9:32-34Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
32 Bere a wɔrefi hɔ no, hwɛ! nkurɔfo de mum bi a ɔwɔ honhommɔne brɛɛ no.+ 33 Na bere a otuu honhommɔne no, ɔbarima a ɔyɛ mum no kasae.+ Ɛmaa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Wonhuu biribi a ɛte sɛɛ da wɔ Israel.”+ 34 Nanso Farisifo no kae sɛ: “Ɔnam ahonhommɔne panyin so na etu ahonhommɔne.”+
-