-
Mateo 12:24-30Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Bere a Farisifo no tee eyi no, wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ hwee na saa damfo yi de tu ahonhommɔne sɛ Beelsebub,* ahonhommɔne panyin no.”+ 25 Bere a ohuu wɔn adwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahenni biara a ɛko tia ne ho no bɛsɛe, na kurow anaa ofi biara a ɛko tia ne ho no rennyina. 26 Enti sɛ Satan tu Satan a, na ɔreko atia ne ho. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina? 27 Bio nso, sɛ mede Beelsebub na etu ahonhommɔne a, mo mma* de hena na etu wɔn? Eyi nti, wobebu mo atɛn. 28 Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na etu ahonhommɔne a, ɛnde na mo ne Onyankopɔn Ahenni abɔ nsianho.+ 29 Anaa ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi abɔ awura ɔhoɔdenfo bi fi akogye ne nneɛma? Gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na watumi asesaw nneɛma a ɛwɔ ne fi. 30 Obiara a onni m’afã no, ɔsɔre tia me, na obiara a ɔne me mmoaboa ano no, ɔhwete.+
-
-
Marko 3:22-27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
22 Afei akyerɛwfo a wofi Yerusalem bae no kae sɛ: “Ɔwɔ Beelsebub,* na ɔde ahonhommɔne panyin no na etu ahonhommɔne.”+ 23 Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, na ɔde mfatoho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan atu Satan? 24 Sɛ ahenni bi ko tia ne ho a, saa ahenni no rentumi nnyina,+ 25 na sɛ ofi bi ko tia ne ho a, saa ofi no rentumi nnyina. 26 Enti sɛ Satan asɔre atia ne ho na ɔko tia ne ho a, ɔrentumi nnyina; mmom na n’awiei na ɛreba. 27 Obiara nni hɔ a obetumi akɔ ɔhoɔdenfo fi akowia ne nneɛma, gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na watumi asesaw nneɛma a ɛwɔ ne fi.
-