27 “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo!+ efisɛ mote sɛ adamoa a wɔaka ho fitaa.+ Wohwɛ ho a, ɛyɛ fɛ, nanso emu de, awufo nnompe ne afide nyinaa bi ayɛ no ma. 28 Saa ara na mo nso, nnipa ani so de, mote sɛ atreneefo, nanso nyaatwom ne nneɛma bɔne* ayɛ mo ma.+
12Saa bere no ara, na nnipa mpempem pii, ɛdɔm kɛse bi, aboaboa wɔn ho ano, na na wonnya baabi mpo ntu wɔn nan nsi. Bere a ɔrefi ase akasa no, odii kan ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monhwɛ yiye wɔ Farisifo mmɔkaw,* kyerɛ sɛ, wɔn nyaatwom no ho.+