Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 16:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Efi saa bere no rekɔ no, Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii wɔ mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no nsam na wokum no, na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.+

  • Mateo 20:17-19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Afei bere a wɔnam kwan so reforo akɔ Yerusalem no, Yesu de asuafo 12 no kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 18 “Hwɛ! Yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no, na wobebu no fɔ akum no.+ 19 Na wobeyi no ama amanaman mufo ama wɔadi ne ho agoru. Afei wɔbɛbɔ no mmaa, na wɔabɔ no asɛndua mu;+ na da a ɛto so abiɛsa no, wobenyan no.”+

  • Marko 10:32-34
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 32 Ná wɔnam kwan so reforo akɔ Yerusalem, na na Yesu di wɔn anim, na wɔn ho dwiriw wɔn; na wɔn a wɔka ho no fii ase suroe. Afei ɔde Dumien no kɔɔ nkyɛn bio, na ofii ase kaa nea na ɛrebɛto no no kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 33 “Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no, na wobebu no fɔ akum no. Na wobeyi no ama amanaman mufo, 34 na wobedi ne ho agoru atetew ntasu agu no so na wɔabɔ no mmaa, na wɔakum no, nanso nnansa akyi no, obenyan.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena