-
Mateo 21:23-27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 Afei ɔkɔɔ asɔrefi hɔ, na bere a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne ɔman no mu mpanyimfo baa ne nkyɛn bebisae sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ eyinom? Na hena na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 24 Yesu buaa wɔn sɛ: “Me nso, mebisa mo asɛm baako. Sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi ko a mede yɛ eyinom akyerɛ mo: 25 Ɛhe na Yohane nyaa tumi a ɔde bɔɔ asu no? Efi soro anaasɛ efi nnipa?” Na wofii ase susuw ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Efi soro’ a, ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Ɛnde adɛn nti na moannye no anni?’+ 26 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Efi nnipa’ a, yesuro nea nnipadɔm no bɛyɛ, efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.” 27 Enti wobuaa Yesu sɛ: “Yennim.” Ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde me nso, merenka tumi a mede yɛ eyinom nkyerɛ mo.
-
-
Marko 11:27-33Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 Na wɔsan baa Yerusalem. Na bere a ɔnam asɔrefi hɔ no, asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne mpanyimfo no bae, 28 na wobebisaa no sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ eyinom? Na hena na ɔmaa wo saa tumi a wode yɛ nneɛma yi?”+ 29 Yesu buaa wɔn sɛ: “Mebisa mo asɛm baako. Momma me mmuae, na mɛka tumi ko a mede yɛ eyinom akyerɛ mo. 30 Tumi a Yohane de bɔɔ asu+ no, efi soro anaasɛ efi nnipa?* Momma me mmuae.”+ 31 Ɛnna wofii ase susuw ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Efi soro’ a, ɔbɛka sɛ, ‘Ɛnde adɛn nti na moannye no anni?’ 32 Nanso yɛyɛ dɛn ka sɛ, ‘Efi nnipa’?” Ná wosuro nnipadɔm no, efisɛ na wɔn nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifo ankasa.+ 33 Enti wobuaa Yesu sɛ: “Yennim.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde me nso, merenka tumi a mede yɛ eyinom nkyerɛ mo.”
-