-
Leviticus 23:5-8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Bosome a edi kan no da a ɛto so 14 no+ anwummere* yɛ Yehowa Twam Afahyɛ.+
6 “‘Saa bosome yi da a ɛto so 15 no yɛ Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ ma Yehowa.+ Enti munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson.+ 7 Ɛda a edi kan no bɛyɛ nhyiam kronkron ama mo.+ Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 8 Mmom momfa nnanson mmɔ afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. Na da a ɛto so ason no yɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.’”
-