26 Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Ma yɛnyɛ+ onipa wɔ yɛn suban+ so sɛnea yɛte;+ ma wonnya asaase nyinaa so tumi, na wonnya ɛpo mu mpataa, wim ntuboa, afieboa, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa so tumi.”+
6 Nanso yɛn de, Onyankopɔn baako+ na yɛwɔ. Ɔno ne Agya no.+ Ne mu na nneɛma nyinaa fi, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no.+ Na Awurade baako na ɔwɔ hɔ. Ɔno ne Yesu Kristo. Ɛnam no so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ,+ na ɛnam no so na yɛn nso yɛwɔ hɔ.
16 efisɛ ne so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so, nea wohu ne nea wonhu,+ nhengua, mpanyinni, nniso, anaa tumidi. Nneɛma a aka nyinaa wɔnam no so na ɛbɔe,+ na wɔbɔ maa no.