10 Yesu kae sɛ: “Momma nkurɔfo no ntenatena ase.” Ná sare pii wɔ hɔ, enti nnipa no tenatenaa ase. Ná wɔn dodow bɛyɛ 5,000.+ 11 Ɛnna Yesu faa paanoo no, na bere a ɔdaa ase no, ɔkyekyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no. Saa ara nso na ɔyɛɛ mpataa nketewa no, na dodow a wɔpɛ biara, wonyae.