Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 8:24
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 Afei, hwɛ! mframa kɛse bi bɔe wɔ po no so, enti na asorɔkye no rekata ɔkorow no so; nanso ɔno de, na wada.+

  • Mateo 14:24-33
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 Saa bere yi, na efi baabi a ɔkorow no wɔ reba asaase so yɛ mita bebree,* na na asorɔkye no ama ayɛ den ama wɔn, efisɛ na mframa no bɔ hyia wɔn. 25 Na eduu ahemanakye* no, ɔnantew po so baa wɔn nkyɛn. 26 Bere a asuafo no huu no sɛ ɔnam po no so no, wɔn koma tui, na wɔkae sɛ: “Ɛyɛ dae anaa?” Na ehu ma wɔteɛteɛɛm. 27 Ɛhɔ ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me; munnsuro.”+ 28 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ ɛyɛ wo ampa a, ka ma memfa nsu no so mmra wo nkyɛn.” 29 Ɔkae sɛ: “Bra!” Ɛnna Petro si fii ɔkorow no mu nantew nsu no so, na ɔde n’ani kyerɛɛ baabi a Yesu wɔ no. 30 Nanso bere a ohuu sɛnea mframa no rebɔ no, ehu kaa no. Na bere a ofii ase sɛ ɔremem no, ɔteɛɛm sɛ: “Awurade, gye me!” 31 Ɛhɔ ara na ɔteɛɛ ne nsa, na Yesu soo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wo gyidi sua, adɛn nti na womaa w’adwene hinhimii?”+ 32 Bere a wɔforo tenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. 33 Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no kotow no kae sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena