51 Mene paanoo a ɛte ase a esian fii soro bae no. Sɛ obi di saa paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na nokwasɛm ne sɛ, paanoo a mede bɛma no, ɛno ne me honam a wiase nkwagye nti mede bɛma.”+
2Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo* bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni+ Yesu Kristo.+2 Ɔyɛ mpata afɔre+ ma yɛn bɔne;+ ɛnyɛ yɛn nko ara de, na mmom wiase nyinaa nso de ka ho.+