4 Nanso Yuda Iskariot+ a na ɔyɛ asuafo no mu baako, a na ɔrebeyi no ama no kae sɛ: 5 “Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare 300 amfa amma ahiafo?” 6 Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa, mmom na ɔyɛ ɔkorɔmfo. Ná sika adaka no wɔ ne nkyɛn, na na ɔtaa wiawia sika a wɔde gu mu no bi.