Mateo 27:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Bio nso, wɔkyerɛw nea enti a wɔretwe n’aso no bɔɔ n’atifi sɛ: “Oyi ne Yesu, Yudafo Hene No.”+ Marko 15:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Na wɔkyerɛw nea enti a wɔretwe n’aso no sɛ: “Yudafo Hene No.”+ Luka 23:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Ná wɔakyerɛw biribi nso abɔ n’atifi sɛ: “Oyi ne Yudafo Hene no.”+