5 Bosome a edi kan no da a ɛto so 14 no+ anwummere yɛ Yehowa Twam Afahyɛ.+
6 “‘Saa bosome yi da a ɛto so 15 no yɛ Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ ma Yehowa.+ Enti munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson.+ 7 Ɛda a edi kan no bɛyɛ nhyiam kronkron ama mo.+ Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.