24 Yesu kae sɛ: “Mumfi ha, na abeawa no nwui, na mmom wada.”+ Ɔkaa saa no, wofii ase serew no. 25 Bere a nnipadɔm no fii adi ara pɛ, ɔkɔɔ baabi a abeawa no da no kosoo ne nsa,+ na abeawa no sɔree.+
14 Enti Yesu bɛn wɔn, na ɔde ne nsa kaa ade a funu no da so no. Na wɔn a ɛso wɔn no gyinae. Ɛnna ɔkae sɛ: “Aberante, mise wo sɛ, sɔre!”+15 Na aberante a wawu no sɔre tenaa ase, na ofii ase kasae, na Yesu de no maa ne maame.+
43 Bere a ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Lasaro, pue bra!”+44 Ɛnna ɔbarima a wawu no pue bae. Ná wɔde ntama akyekyere ne nan ne ne nsa, na na wɔde ntama bi akyekyere n’anim. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsan no, na momma ɔnkɔ.”