Asomafo Nnwuma 13:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Bere a wɔresom Yehowa* na wɔreyɛ akɔnkyen* no, honhom kronkron kae sɛ: “Munyi Barnaba ne Saul mma me,+ na wɔnkɔyɛ adwuma a enti mefrɛɛ wɔn no.”+ Asomafo Nnwuma 15:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Na honhom kronkron+ no ne yɛn ara nso mpɛ sɛ yɛde adesoa foforo biara to mo so, gye eyinom a ehia yi. Ɛne sɛ: Asomafo Nnwuma 16:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Afei, wɔkɔfaa Frigia ne Galatia asaase so,+ efisɛ honhom kronkron no baraa wɔn sɛ wɔnnka asɛm no wɔ Asia mantam mu. Asomafo Nnwuma 20:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 nanso nea minim ara ne sɛ, kurow biara mu no, honhom kronkron no kɔ so di me adanse sɛ wɔde me bɛto afiase, na amanehunu da hɔ retwɛn me.+
2 Bere a wɔresom Yehowa* na wɔreyɛ akɔnkyen* no, honhom kronkron kae sɛ: “Munyi Barnaba ne Saul mma me,+ na wɔnkɔyɛ adwuma a enti mefrɛɛ wɔn no.”+
28 Na honhom kronkron+ no ne yɛn ara nso mpɛ sɛ yɛde adesoa foforo biara to mo so, gye eyinom a ehia yi. Ɛne sɛ:
6 Afei, wɔkɔfaa Frigia ne Galatia asaase so,+ efisɛ honhom kronkron no baraa wɔn sɛ wɔnnka asɛm no wɔ Asia mantam mu.
23 nanso nea minim ara ne sɛ, kurow biara mu no, honhom kronkron no kɔ so di me adanse sɛ wɔde me bɛto afiase, na amanehunu da hɔ retwɛn me.+