-
Deuteronomium 16:9-11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 “Kan nnawɔtwe ason. Ɛda a edi kan a wode kantankrankyi* bɛto wo hwiit* so sɛ woretwa no, kan nnawɔtwe ason no fi saa da no.+ 10 Afei di Nnawɔtwe Afahyɛ ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Hwɛ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no ho na fa ayamye afɔre bra.+ 11 Wo ne wɔn a wɔte w’asaase so nyinaa ani nnye wɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato no; wo babarima, wo babea, w’akoa ne w’afenaa, Lewifo a wɔwɔ mo nkurow* mu, ɔhɔho a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafo, wo ne wɔn nyinaa ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+
-