Deuteronomium 10:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade, Onyankopɔn tumfo pumpuni a ne ho yɛ hu. Ɔnyɛ nyiyim+ na onnye adanmude.* 2 Beresosɛm 19:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Afei munsuro Yehowa,+ na momfa ahwɛyiye nyɛ mo adwuma, efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn mmu ntɛnkyea,+ ɔnhwɛ nnipa anim,+ na onnye adanmude.”*+ Asomafo Nnwuma 10:34, 35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Ɛnna Petro fii ase kasae. Ɔkae sɛ: “Afei na mahu paa sɛ Onyankopɔn nyiyi nnipa mu,+ 35 na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.+
17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade, Onyankopɔn tumfo pumpuni a ne ho yɛ hu. Ɔnyɛ nyiyim+ na onnye adanmude.*
7 Afei munsuro Yehowa,+ na momfa ahwɛyiye nyɛ mo adwuma, efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn mmu ntɛnkyea,+ ɔnhwɛ nnipa anim,+ na onnye adanmude.”*+
34 Ɛnna Petro fii ase kasae. Ɔkae sɛ: “Afei na mahu paa sɛ Onyankopɔn nyiyi nnipa mu,+ 35 na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.+