32 Monhwɛ na moanto Yudafo ne Greecefo ne Onyankopɔn asafo no hintidua,+ 33 sɛnea me nso merebɔ me ho mmɔden sɛ mɛsɔ nnipa nyinaa ani wɔ ade nyinaa mu no. Menhwehwɛ nea ehia me nko ara,+ na mmom mehwehwɛ nea ehia nnipa pii, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa.+