Mmebusɛm 21:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Onipa akwan nyinaa yɛ papa wɔ n’ani so,+Nanso Yehowa na ɔhwehwɛ koma* mu.+ Romafo 14:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Adɛn nti na wubu wo nua atɛn?+ Na adɛn nti na wo nso wubu wo nua animtiaa? Efisɛ yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn atemmu agua no anim.+ Hebrifo 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na abɔde biara nni hɔ a ahintaw wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ nea ɛsɛ sɛ yebu akontaa kyerɛ no+ no anim.
10 Adɛn nti na wubu wo nua atɛn?+ Na adɛn nti na wo nso wubu wo nua animtiaa? Efisɛ yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn atemmu agua no anim.+
13 Na abɔde biara nni hɔ a ahintaw wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ nea ɛsɛ sɛ yebu akontaa kyerɛ no+ no anim.