20 “Ɛnyɛ eyinom nko ara nti na meresrɛ, na mmom meresrɛ ama obiara a ɔnam wɔn asɛm so gye me di no, 21 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako,+ sɛnea wo, Agya, wo ne me yɛ baako na me nso me ne wo yɛ baako+ no, na wɔn nso ne yɛn ayɛ baako, sɛnea ɛbɛyɛ a wiase no begye adi sɛ wo na wosomaa me.