21 Na onipa mu, ne koma mu,+ na adwemmɔne fi ba: aguamansɛm,* korɔnbɔ, awudisɛm, 22 awaresɛe, adifudepɛ, amumɔyɛsɛm, nnaadaasɛm, ahohwibra,* anibere, abususɛm, ahantan, ne nkwaseasɛm.
4 Nea enti a ɛte saa ne sɛ nnipa bi awiawia wɔn ho aba mo mu. Efi tete na wɔnam Kyerɛwnsɛm no so aka ato hɔ sɛ wobenya atemmu; wɔyɛ amumɔyɛfo a wɔde yɛn Nyankopɔn adom kata wɔn anim bɔ ahohwibra,*+ na yɛn wura ne yɛn Awurade koro pɛ Yesu Kristo nso, wɔpo no.+