4 Esiane sɛ Kristo huu amane ɔhonam mu+ nti, mo nso momfa adwenkoro no ara nhyɛ mo ho den; efisɛ obiara a ohu amane ɔhonam mu no akyerɛ sɛ watwe ne ho afi bɔne ho,+ 2 sɛnea ɛbɛyɛ na ne nna a aka wɔ ɔhonam mu no, ɔrentena ase nyɛ nnipa akɔnnɔde,+ na mmom ɔde bɛyɛ Onyankopɔn apɛde.+