-
1 Tesalonikafo 4:16, 17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 efisɛ Awurade ankasa de nteɛm a emu yɛ den, ne ɔbɔfo panyin+ nne, ne Onyankopɔn torobɛnto besian afi soro, na wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bedi kan asɔre.+ 17 Ɛno akyi no, wɔbɛfa yɛn a yɛaka a yɛte ase no, ne wɔn nyinaa, wɔ omununkum mu+ akohyia Awurade+ wɔ wim; na ɛno bɛma yɛne Awurade atena daa.+
-