4Enti me a Awurade nti meda afiase+ no, mesrɛ mo sɛ mommɔ mo bra sɛnea ɛbɛyɛ a frɛ a wɔafrɛ mo no bɛfata mo.+2 Momfa ahobrɛase*+ nyinaa ne odwo ne abotare+ mmɔ mo bra, na obiara ne ne yɔnko ntena wɔ ɔdɔ+ mu,
13 Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a,+ ɔnkɔ so nnya ne ho abotare na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.+ Sɛnea Yehowa* ayi ne yam de akyɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.+