6Anuanom, sɛ ɛba sɛ obi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so mpo a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw* no, mommɔ mmɔden mfa odwo*+ nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye. Nanso monhwɛ mo ho so yiye,+ na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.+
15 Mmom no, mummu Kristo wɔ mo komam sɛ ɔyɛ kronkron na ɔno ne Awurade. Munsiesie mo ho sɛ bere biara a obi bebisa anidaso a mowɔ no ho biribi no, mubeyi no ano, nanso monyɛ no odwo+ ne nidi*+ mu.