2 Samuel 7:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba.+ Sɛ ɔyɛ bɔne nso a, mede nnipa poma ne adasamma* mmaa bɛteɛ no.+ Marko 1:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na nne bi fi soro bae sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+ Luka 9:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Na nne bi+ fi omununkum no mu bae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea mapaw no no.+ Muntie no.”+ 2 Petro 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Na onyaa nidi ne anuonyam fii Agya Onyankopɔn hɔ, bere a Onuonyamfo kɛse no kaa nsɛm te sɛ eyi* kyerɛɛ no no: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom.”+
14 Mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba.+ Sɛ ɔyɛ bɔne nso a, mede nnipa poma ne adasamma* mmaa bɛteɛ no.+
17 Na onyaa nidi ne anuonyam fii Agya Onyankopɔn hɔ, bere a Onuonyamfo kɛse no kaa nsɛm te sɛ eyi* kyerɛɛ no no: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom.”+