-
Genesis 14:17-20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Bere a Abram dii Kedolaoma ne ahemfo a wɔka ne ho no so nkonim na ɔresan aba no, Sodom hene kohyiaa Abram wɔ Sawe Bon mu,* kyerɛ sɛ, Ɔhene Bon mu.+ 18 Na Salem hene+ Melkisedek+ a ɔyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn sɔfo+ no brɛɛ no paanoo ne bobesa.
19 Ɛnna ohyiraa no kae sɛ:
“Ɔsorosoroni Nyankopɔn, ɔsoro ne asaase Bɔfo no
Nhyira Abram;
20 Na ayeyi nka Ɔsorosoroni Nyankopɔn;
Ɔno na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa!”
Na Abram kyɛɛ biribiara mu du maa no baako.+
-