-
Genesis 48:15, 16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Ɛnna ohyiraa Yosef kae sɛ:+
“Nokware Nyankopɔn no a m’agyanom Abraham ne Isak nantew n’anim,+
Nokware Nyankopɔn no a wahwɛ me so me nkwa nna nyinaa abesi nnɛ;+
16 Nea ɔnam ne bɔfo so yii me fii m’ahohia nyinaa mu no,+ ɔno na onhyira mmofra yi.+
Ma wɔmfa me din ne m’agyanom Abraham ne Isak din nto wɔn so,
Na ma wɔnnɔre nyɛ bebree wɔ asaase so.”+
-