-
Mateo 5:34-37Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
34 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ: Monnka ntam koraa.+ Monnka ɔsoro ntam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua; 35 monnka asaase nso ntam, efisɛ ɛyɛ ne nan ntiaso;+ monnka Yerusalem ntam, efisɛ ɛyɛ Ɔhenkɛse no kurow.+ 36 Nka wo ti ntam, efisɛ worentumi mma ti nwi baako mpo nyɛ fitaa anaa tuntum. 37 Ɛno ara ne sɛ, momma mo ‘Yiw’ nyɛ yiw, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi,+ efisɛ nea ɛboro eyinom so no fi ɔbɔnefo no.+
-