Mateo 6:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 “Obiara rentumi nsom awuranom baanu; efisɛ ɔbɛtan ɔbaako na wadɔ ɔbaako,+ anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Morentumi nsom* Onyankopɔn nsan nsom Ahonyade.+ Yakobo 4:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Awaresɛefo,* munnim sɛ obi yɛ wiase adamfo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn tamfo? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔfa wiase adamfo no, na ɔreyɛ ne ho Onyankopɔn tamfo.+
24 “Obiara rentumi nsom awuranom baanu; efisɛ ɔbɛtan ɔbaako na wadɔ ɔbaako,+ anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Morentumi nsom* Onyankopɔn nsan nsom Ahonyade.+
4 Awaresɛefo,* munnim sɛ obi yɛ wiase adamfo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn tamfo? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔfa wiase adamfo no, na ɔreyɛ ne ho Onyankopɔn tamfo.+