-
1 Timoteo 6:17-19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Ka kyerɛ* wɔn a wɔyɛ asikafo wɔ wiase yi* mu sɛ, wɔnnyɛ ahomaso,* na wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a ɛnkyɛ*+ so. Mmom wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn so, nea ɔma yɛn nneɛma a yehia nyinaa ma ɛboro so+ no. 18 Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma pa mu, wommue wɔn nsam,* wɔnkyɛ ade,+ 19 na wɔmfa nto fapem pa nsie yiye mma daakye,+ na ama wɔatumi aso nkwa ankasa no mu denneennen.+
-