-
Adiyisɛm 22:8, 9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Me Yohane, me na metee eyinom nyinaa na mihui. Na bere a metee na mihui no, mibutuw ɔbɔfo a na ɔrekyerɛ me nneɛma yi nyinaa no nan ase sɛ meresom no. 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa! Meyɛ akoa kɛkɛ te sɛ wo ne wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee yi mu so no. Som Onyankopɔn.”+
-