-
Luka 6:13-16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Na ade kyee no, ɔfrɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔpaw wɔn mu 12, na ɔsan frɛɛ wɔn asomafo. Wɔn din ni:+ 14 Simon, a ɔsan frɛɛ no Petro, ne ne nua Andrea, ne Yakobo ne Yohane, ne Filipo+ ne Bartolomeo, 15 Mateo ne Toma,+ ne Alfeo ba Yakobo, ne Simon a wɔfrɛ no “nsiyɛfo no,” 16 Yakobo ba Yuda, ne Yuda Iskariot a akyiri yi oyii no mae no.*
-