Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Korintofo 2
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofo Mu Nsɛntitiriw

      • Paul kaa asɛmpa no wɔ Korinto (1-5)

      • Onyankopɔn nyansa sen wiase nyansa (6-10)

      • Onipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan, ne onipa a odi n’akɔnnɔ akyi (11-16)

1 Korintofo 2:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 1:17
  • +Efe 3:5, 6; Kol 2:2

1 Korintofo 2:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 6:14

1 Korintofo 2:3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Korintofo no Mu Nsɛntitiriw

    w08 7/15 kr. 27 nky. 6

1 Korintofo 2:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 15:18, 19; 1Ko 4:20; 1Te 1:5

1 Korintofo 2:6

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:20; Efe 4:13; Heb 5:14
  • +1Ko 15:24

1 Korintofo 2:7

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “mmere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 16:25, 26; Efe 3:8, 9

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    “Onyankopɔn Nyansa a Wada No Adi Wɔ Ahintasɛm Kronkron Bi Mu”

    cl ti 19

    Gilead Sukuu—Mfirihyia 60 Asɛmpatrɛw Ho Ntetee

    w03 6/15 kr. 24-25

    Ahintasɛm Bi a Kristofo Ntumi Nkora So!

    w97 6/1 kr. 13 nky. 3

    Ɛsɛ sɛ Wɔka Asɛmpa no Kan

    w94 8/15 kr. 13 nky. 14

1 Korintofo 2:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Anaa “wɔammɔ Awurade a ɔwɔ anuonyam no asɛndua mu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 7:48; Aso 13:27, 28

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Nniso A Wɔbɛsesa​—Ɛrenkyɛ!

    w87 3/1 kr. 6-7

1 Korintofo 2:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 64:4

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ahonu Mpaebɔ

    ip-2 ti 25

1 Korintofo 2:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 14:26; 1Yo 2:27
  • +Mt 16:17; Mr 4:11; Efe 3:5; 2Ti 1:9, 10; 1Pe 1:12
  • +Ro 11:33

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    “Honhom No Hwehwɛ . . . Onyankopɔn Nneɛma A Emu Dɔ No” Mu

    w10 7/15 kr. 20-24

    Momma Yɛnhwehwɛ “Onyankopɔn Nneɛma A Emu Dɔ No” Mu

    w07 11/1 kr. 27-29

1 Korintofo 2:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “honhom.”

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    So Kristofo Biakoyɛ Ma Su Ahorow Ho Kwan?

    g98 2/8 kr. 14-15

    So Woreko Tia Wiase Honhom No?

    w94 4/1 kr. 19 nky. 16

1 Korintofo 2:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 15:26

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Sɛnea Yɛbɛtwe Yɛn Ho Afi Wiase no Ho

    lv ti 5

    Honhom Bɛn na Woda no Adi?

    w12 10/15 kr. 13

    Nea Yehowa Da No Bɛma Ada Adi

    w10 7/15 kr. 3-4 nky. 5-6

    Ɔdɔ Ma Yenya Akokoduru

    w06 10/1 kr. 23-24 nky. 12-14

    Ko Tia Wiase A Ɛresakra No Honhom No

    w04 4/1 kr. 9-14

    Mmofra—Monko Ntia Wiase Honhom

    w99 9/1 kr. 8 nky. 3

    So Wiase Honhom Redi Wo Awu?

    w97 10/1 kr. 25-26

    So Woreko Tia Wiase Honhom No?

    w94 4/1 kr. 14-19

    Wiase Yi “Mframa” A Wɔhome Yɛ Nea Edi Awu

    w88 1/1 kr. 11 nky. 5-6

    Kɔ So Brɛ Wo Ho Ase ma ‘Honhom a Ɛma Nkwa No’

    w88 1/1 kr. 16 nky. 2

1 Korintofo 2:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 2:8
  • +Yoh 16:13

1 Korintofo 2:14

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Yɛka Sɛ Yehowa Honhom Kyerɛ Obi Kwan a, Ɛkyerɛ Sɛn?

    w18.02 kr. 19 nky. 3-5

    Ma W’asetra Nyɛ Nea Ɛkari” Pɛ Na Ɛkwati Akɛsesɛm

    w89 7/15 kr. 12 nky. 10

1 Korintofo 2:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 8:5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Yɛka Sɛ Yehowa Honhom Kyerɛ Obi Kwan a, Ɛkyerɛ Sɛn?

    w18.02 kr. 19-20

    Ma W’asetra Nyɛ Nea Ɛkari” Pɛ Na Ɛkwati Akɛsesɛm

    w89 7/15 kr. 12-13 nky. 10-11

1 Korintofo 2:16

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 40:13
  • +Ro 15:5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Suasua Yehowa Ahobrɛase

    w25.12 kr. 18 nky. 14

    Wobɔ Asu Wie Mpo a, Kɔ So Hyɛ “Suban Foforo” No

    w22.03 kr. 9 nky. 5

    Yɛka Sɛ Yehowa Honhom Kyerɛ Obi Kwan a, Ɛkyerɛ Sɛn?

    w18.02 kr. 22

    Wohwɛ a, Yɛbɛtumi Ahu Onyankopɔn?

    w15 10/1 kr. 13

    “Hena Na Wahu Yehowa Adwene?”

    w10 10/15 kr. 3-7

    Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Korintofo no Mu Nsɛntitiriw

    w08 7/15 kr. 27 nky. 7

    Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Wo Honhom Fam Ahiade Ankasa?

    w07 8/1 kr. 4-7

    Kristo Di N’asafo No Anim

    w02 3/15 kr. 18 nky. 19

    “Kristo Adwene” A Yebehu

    w00 2/15 kr. 10-15

    So Wowɔ “Kristo Adwene”?

    w00 2/15 kr. 15-20

    So Biribi Ka Wo Ma Woyɛ W’ade Sɛnea Yesu Yɛe no?

    w00 2/15 kr. 20-25

    So Wubetumi De Wo Ho Ato W’ahonim So?

    w98 9/1 kr. 6

    “Ɔsom Kronn a Mufi mo Adwene Tumi mu de Ma”

    w95 6/15 kr. 22-23

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 2:11Ko 1:17
1 Kor. 2:1Efe 3:5, 6; Kol 2:2
1 Kor. 2:2Ga 6:14
1 Kor. 2:4Ro 15:18, 19; 1Ko 4:20; 1Te 1:5
1 Kor. 2:61Ko 14:20; Efe 4:13; Heb 5:14
1 Kor. 2:61Ko 15:24
1 Kor. 2:7Ro 16:25, 26; Efe 3:8, 9
1 Kor. 2:8Yoh 7:48; Aso 13:27, 28
1 Kor. 2:9Yes 64:4
1 Kor. 2:10Yoh 14:26; 1Yo 2:27
1 Kor. 2:10Mt 16:17; Mr 4:11; Efe 3:5; 2Ti 1:9, 10; 1Pe 1:12
1 Kor. 2:10Ro 11:33
1 Kor. 2:12Yoh 15:26
1 Kor. 2:13Kol 2:8
1 Kor. 2:13Yoh 16:13
1 Kor. 2:15Ro 8:5
1 Kor. 2:16Yes 40:13
1 Kor. 2:16Ro 15:5
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Korintofo 2:1-16

Nea Edi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofo

2 Enti anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn no, ɛnyɛ nsɛm akɛse+ anaa nyansa a ɛtra so na mede bɛkaa Onyankopɔn ahintasɛm kronkron+ no kyerɛɛ mo. 2 Na bere a mewɔ mo nkyɛn no, mebɔɔ me tirim sɛ meremfa m’adwene nsi biribiara so, gye Yesu Kristo, ne bɔ a wɔbɔɔ no asɛndua mu no.+ 3 Na mede mmerɛwyɛ ne ehu ne ahopopo bebree na ɛbaa mo nkyɛn; 4 ɛnyɛ anyansasɛm a wɔde dɛfɛdɛfɛ nnipa na mede kasae, na ɛnyɛ ɛno na mede yɛɛ asɛnka adwuma no, na mmom honhom ne tumi ho adanse na mede mae,+ 5 na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so.

6 Na yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔanyin,+ nanso ɛnyɛ wiase yi* nyansa anaa wiase yi mu atumfo a wobeyi wɔn afi hɔ no nyansa.+ 7 Mmom no, Onyankopɔn nyansa a wada no adi wɔ ahintasɛm kronkron+ bi mu no, ɛno ho asɛm na yɛka. Saa nyansa no, Onyankopɔn de siei, na ɔhyehyɛ too hɔ ansa na wiase yi* reba sɛ ɔde bɛhyɛ yɛn anuonyam. 8 Nyansa yi na wiase yi* atumfo no mu biara anhu,+ na sɛ wohui a, anka wɔankum Awurade a ɔwɔ anuonyam no.* 9 Na mmom sɛnea wɔakyerɛw no: “Nneɛma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no, ani nhui, na aso ntee, na ɛmmaa nnipa koma mu da.”+ 10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so+ ayi saa nneɛma no adi akyerɛ yɛn,+ efisɛ honhom no hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no+ mpo mu.

11 Onipa betumi ahu nea ɛwɔ ne yɔnko nipa tirim anaa? Daabida. Nea ɛwɔ obi tirim de, onii no koma* nko ara na enim. Saa ara na obiara rentumi nhu nea ɛwɔ Onyankopɔn tirim, gye Onyankopɔn honhom. 12 Yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Onyankopɔn hɔ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nneɛma a Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn no. 13 Saa nneɛma yi na yɛn nso yɛka; ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ+ na yɛde ka, na mmom nea wɔde honhom no kyerɛkyerɛ,+ na yɛde honhom mu nsɛm kyerɛkyerɛ honhom mu nneɛma mu.

14 Nanso nea odi n’akɔnnɔ akyi no nnye nneɛma a efi Onyankopɔn honhom mu no ntom, na ɛyɛ nkwaseasɛm ma no; na ɔrentumi nhu mu, efisɛ wɔde honhom na ɛhwehwɛ mu. 15 Na nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan de, ɔhwehwɛ nneɛma nyinaa mu,+ nanso ɔno de, onipa biara nhwehwɛ ne mu. 16 Na “hena na wahu Yehowa* adwene a obetumi akyerɛkyerɛ no?”+ Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena