Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 9/1 kr. 7
  • ‘Akronkronfo No Bebree Amu Sɔre Sɔree’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Akronkronfo No Bebree Amu Sɔre Sɔree’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Owusɔre Anidaso No Wɔ Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • ‘Wobetu Owu Agu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Owusɔre No Bɛba Mu Ɔkwan Biara So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • ‘Wobenyan Awufo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 9/1 kr. 7

‘Akronkronfo No Bebree Amu Sɔre Sɔree’

“Asase wosowee, na abotan paapaee, na nkae ada buebuei, na akronkronfo a wɔadeda no bebree amu sɔre sɔree, (na ne sɔre akyi no, nnipa a na wofi nkae ada no mu reba no kɔɔ kurow kronkron no mu) na nnipa bebree huu wɔn.” (Mateo 27:51-53, New World Translation) Katolekni nhomanimfo Karl Staab frɛ saa asɛm a esii wɔ Yesu wu mo no sɛ “ɛyɛ ahintasɛm kɛse.” Dɛn na ɛbae?

Epiphanius ne tete Asɔre Agyanom afoforo kyerɛkyerɛe sɛ akronkronfo no baa nkwa mu ankasa na wɔne Yesu a wasɔre afi awufo mu no kɔɔ soro. Ná Augustine, Theophylactus, ne Zigabenus gye di sɛ saa awufo yi nyaa bere tiaa mu owusɔre nanso akyiri yi wɔsan kɔɔ wɔn ada mu bio. Nanso, nhomanimfo Erich Fascher ka sɛ “nnipa pii annye” saa adwenkyerɛ a edi akyiri yi “antom.” Sɛ wɔrekyerɛ Mateo 27:52, 53 ase a, nnɛyi Bible nkyerɛase ahorow pii ka ho asɛm te sɛ nea owusɔre bi na ɛbae. Nanso New World Translation no nyɛ saa, na mmom ɛma wohu sɛ ɛyɛ nea efii asasewosow bi mu bae. Adɛn ntia?

Edi kan no, ɛmfa ho nnipa ko a na “akronkronfo” no yɛ no, Mateo anka sɛ wɔsɔree. Ɔkae sɛ wɔn amu, anaa wɔn afunu, na ɛyɛɛ saa. Nea ɛto so abien no, wanka sɛ saa amu yi baa nkwa mu. Ɔkae sɛ wɔsɔree, na Hela adeyɛsɛm e·geiʹro, a ase ne sɛ “ɔsɔre” no nkyerɛ owusɔre bere nyinaa. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, ebetumi akyerɛ biribi a “wɔma so” fi amoa bi mu anaa sɛ “wɔsɔre” fi fam. (Mateo 12:11; 17:7; Luka 1:69) Twibɔ a ɛbae bere a Yesu wui no buebuee ada, totow afunu kyenee abɔnten. Helani ɔkyerɛwfo Aelius Aristides bɔɔ nneɛma a ɛtete saa a esisii wɔ asasewosow ahorow mu ho amanneɛ wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no mu, na nnansa yi ara ebi sii wɔ Colombia wɔ 1962 mu.

Nea esii no ho adwene a ɛte sɛɛ no ne Bible nkyerɛkyerɛ hyia. Wɔ 1 Korintofo ti 15 no, ɔsomafo Paulo de owusɔre no ho adanse a ɛdan adwene ma, nanso obu n’ani gu Mateo 27:52, 53 so korakora. Saa ara na Bible akyerɛwfo afoforo nyinaa nso yɛ. (Asomafo no Nnwuma 2:32, 34) Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ amu a wɔsɔree bere a Yesu wui no baa nkwa mu bio sɛnea Epiphanius susuwii no, efisɛ ɛno akyi nnansa so no, Yesu bɛyɛɛ “awufo mu abakan.” (Kolosefo 1:18) Kristofo a wɔasra wɔn, a wɔfrɛ wɔn nso “akronkronfo” no nsa kaa bɔhyɛ a ɛfa owusɔre a efii kan mu kyɛfa a wobenya wɔ Kristo ba mu ho, ɛnyɛ afeha a edi kan no mu.​—1 Tesalonikafo 3:13; 4:14-17;

Nkyekyem 53 no mu nkyerɛkyerɛmu taa yɛ den ma wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Bible mu no mu pii, ɛwom sɛ wɔn mu pii ka sɛ nkyekyem 52 no kyerɛkyerɛ sɛnea asasewosow no maa ada buebuei na amu a wosiee wɔn nkyɛe no ho daa hɔ no mu de. Sɛ nhwɛso no, Germanni nhomanimfo Theobald Daechsel de nkyerɛase a edi hɔ yi ma: “Na ada buebuei, na wɔmaa ahotefo a wɔadeda no amu so.”

Henanom na bere a wonyan Yesu akyi no, “wɔkɔɔ kurow kronkron no mu” no? Sɛnea yɛahu wɔ atifi hɔ no, amu a wɔn ho daa hɔ no annya nkwa, enti ɛbɛyɛ sɛ na Mateo reka nnipa a wɔkɔɔ ada no mu na wɔde nea esii no ho amanneɛbɔ baa Yerusalem no ho asɛm. Enti, sɛnea New World Translation no kyerɛ nsɛm no ase no ma yenya Bible no mu ntease a emu dɔ, na ɛmma akenkanfo adwene mu nyɛ wɔn basaa wɔ owusɔre no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena