Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 10/1 kr. 6-7
  • Wiase Foforo Abɛn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Foforo Abɛn!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase a Akodi Nnim Bɛba Nnansa Yi Ara
    Nyan!—1996
  • Wiase A Ɛwɔ Ne Nyinaa Ano Aduru
    Nyan!—1985
  • “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
    “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
  • Amanehunu Begyae Nnansa Yi Ara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 10/1 kr. 6-7

Wiase Foforo Abɛn!

WƆAMA nyansahyɛ ahorow pii a wɔde bedi wiase yi ɔhaw ahorow ho dwuma. Ne nyinaa mu no, ɛhwehwɛ sɛnea ɛho asɛm behia wɔn ne biakoyɛ, ne wiase amanaman no nyinaa mmɔden kɛse a wɔbɛka abom abɔ. Wɔte nka sɛ bere a tebea horow no sɛe no, wɔn nyinaa nkwa so kora bɛhyɛ amanaman no ma wɔasan ahwehwɛ nea ehia wɔn kan no mu na wɔabom ayɛ adwuma de ahyehyɛ wiase foforo bi a wotumi hwɛ so. Wɔde ani bu sɛ wɔbɛtew sika a wɔsɛe no sraadi ho no so kɛse na wɔde adi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho asiane ahorow ho dwuma, ne sɛ, sɛnea State of the World 1990 kyerɛ no, “sɛ anka nniso ahorow bɛma wɔn ankasa ahobammɔ ahyehyɛde akɛseakɛse atra hɔ mmom no, wobetumi de wɔn ho ato Amanaman Nkabom no asraafo a wɔhwɛ ma asomdwoe tra hɔ a wɔatrɛw mu na wɔama emu ayɛ den, na ebenya tumi a ɛbɛma abɔ ɔman biara a ɛka ho no ho ban atia nhyɛsofo no so.”

Nanso nhyehyɛe ahorow a ɛte saa no nnu tebea horow a yɛn kɔn dɔ a yɛkaa ho asɛm wɔ yɛn nkratafã a edi kan no mu a wɔde bɛba no ho hwee. Adesamma nhyehyɛe ara kwa rentumi nyi adesamma bɔneyɛ ne adifudepɛ mfi hɔ ɔkwan biara so; ntu adwemmɔne ne mmusua ntam akameakame mfi hɔ; ɛnkanyan ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim wɔ adesamma nyinaa mu; na saa ara na ɛrentumi nhyɛ ɔyare ne owu awiei ho bɔ. Wontumi nni nsɛmmɔnedi ho dwuma yiye, na wɔmmɔ so mpo sɛ wobedi ɔsom mu nsonsonoe ne nitan so. Na wɔrentumi nsusuw adebɔ mu asiane ahorow a wobeyi afi hɔ ho mpo. Wɔma kwan ma ɔman ho dɔ a ebetumi de ɔhaw pii aba no tra hɔ. Ɛnde, nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛsɛ sɛ yɛde ba awiei sɛ adesamma adi nkogu wɔ ano aduru a etumi yɛ adwuma a wɔde bɛba mu.

Nanso, ano aduru wɔ hɔ! Nokwarem no, wɔahyɛ nneɛma a adesamma kɔn dɔ yi nyinaa ho bɔ, na bɔhyɛ no fi Onyankopɔn “a onni atoro” no nkyɛn. (Tito 1:2) Onim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ pɛpɛɛpɛ, na ɔwɔ nyansa, tumi, ne ahoɔden a ɔde bɛyɛ nea wabɔ ne tirim wɔ ho no.​—Adiyisɛm 7:12; 19:1.

Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”​—Dwom 37:10, 11.

Ɔkwan bɛn so na wɔbɛyɛ eyi? Yesaia 11:9 bua sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” Yiw, wɔbɛkyerɛkyerɛ adesamma nyinaa ‘Yehowa nimdeɛ,’ na wɔremma kwan mma ankorankoro biara a ɔpow sɛ obedi so no ntra ase na wasɛe afoforo asomdwoe. Wɔrensɛe yɛn asase fɛfɛ yi bio.

Dwom 46:8, 9 hyɛ bɔ sɛ: “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa] nnwuma . . . Ɔma akodi gyae kosi asase ano.” (Hwɛ Mika 4:3, 4 nso.) Ade bi a ɛho hia wɔ wiase nyinaa asomdwoe mu ne aman ntam ntawntawdi a ɛbɛba awiei no. Biakoyɛ bɛba efisɛ nniso biako pɛ na ɛbɛtra wiase nyinaa​—Onyankopɔn de no. Na ne nniso no yɛ Ahenni “a wɔrensɛe no da.” (Daniel 2:44) Bio nso, ne Hene ne Yesu Kristo a wɔanyan no afi awufo mu a ɔrenwu, a ɔnam atɛntrenee ne trenee so na ebedi ade no.​—Yesaia 9:6, 7; 32:1.

Nanso so onipa sintɔ a onya fii awo mu no bɛsɛe eyi na ɛyaw, ɔyare, awerɛhow, ne owu a ɛkɔ so asɛe no? Dabi, efisɛ eyinom nso bɛyɛ nneɛma a atwam. Adiyisɛm 21:4 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Wogyina Yesu ogye afɔre no so de bɔne a yenya fii awo mu no befiri, na adesamma bɛsan aba pɛyɛ tebea mu. (Romafo 6:23; Efesofo 1:7) Na hena na obetumi adi adebɔ mu tumi horow so na wasiw kwan sɛnea ɛbɛyɛ a empira adesamma sen ne Bɔfo no?​—Dwom 148:5-8; Yesaia 30:30.

Nneɛma a onipa betumi anya ho anidaso na waso ho dae ara kwa no, Onyankopɔn de bɛba. Nanso bere bɛn? Bible nkɔmhyɛ da no adi sɛ nsakrae ahorow no bɛba bere a amanaman no ‘bu fuw’ na onipa ‘sɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) “Mmere a emu yɛ den”​—a ɛde tebea horow a ɛkɔ so sɛe a yehu sɛ atwa yɛn ho ahyia mprempren no ba no​—na wɔde behu wiase dedaw yi nna a edi akyiri. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Na Yesu ka siei sɛ awo ntoatoaso a ebehu nneɛma a ɛtete saa no ne awo ntoatoaso a ebehu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no mmamu.​—Mateo 24:3-14, 32-34.

Gye bere fa hwehwɛ bɔhyɛ ahorow a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Bible mu no mu. Efisɛ wɔ saa asɛm yi ho de nnipa nimdefo ne Onyankopɔn nyinaa yɛ adwene: Wiase foforo bere ni!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena