Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 1/15 kr. 32
  • Esua Nanso Tumi Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Esua Nanso Tumi Wom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 1/15 kr. 32

Esua Nanso Tumi Wom

ROBERT, aberante bi a ofi Canada, tutuu akwan kɔɔ Europa mmeae ahorow sɛ ɔrekɔhwehwɛ n’asetra mu atirimpɔw. Ohuu nneɛma pii ma egyaw no abasamtu wɔ daakye ho.

Bere a na Robert te adidibea bi wɔ Seville, Spain no, wɔmaa no kratawa bi a Yehowa Adansefo na wotintimii. Robert ankyerɛ ho anigye mfiase no. Ɔkae sɛ: “Nanso, mekenkanee. Merentumi nkyerɛkyerɛ mu, nanso metee nka sɛ biribi mu ada hɔ. Ná mahu nnipa adwenemhaw ne nkogudi pii wɔ m’akwantu horow no mu, na ɛhaw me sɛ na mintumi nsakra nneɛma. Bere a mekenkan kratawa no wiei no, misusuwii sɛ, ‘So saa “wiase foforo” yi betumi aba?’ Afei, misusuwii sɛ, ‘Yiw, ebia ebetumi aba.’”

Bere a Robert nyaa anidaso bio no, ɔkyerɛw kɔɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Canada no sɛ wɔmma obi mmɛsra no, na ɔmmoa no ma ɔnte Bible no ase bere a wasan akɔ fie no.

Akyinnye biara nni ho sɛ, tumi wɔ asɛm a wɔde ano ka no mu. Nanso, mmu tumi a ɛwɔ asɛm a wɔatintim mu adewa. Ɛmfa ho sɛnea ne ketewa te no, nhoma ahorow a egyina Bible so no wɔ tumi a ɛkanyan anigye. Ɛka adwene ne koma, na ɛde daakye ho anidaso a awerɛhyem wom ma.—Hebrifo 4:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena