Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 8/15 kr. 32
  • Ahotɔ ma Nnipa a Wɔn Ho Nni Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahotɔ ma Nnipa a Wɔn Ho Nni Asɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 8/15 kr. 32

Ahotɔ ma Nnipa a Wɔn Ho Nni Asɛm

ƐYƐ amumɔyɛ a ɛyɛ abofono sen biara a onipa adi pɛn no mu biako—mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre. Ebinom nnye nni sɛ wobetumi ayɛ adebɔne a ɛte saa. Nanso nneɛma pii a fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma ama wɔahu no asi Foinikefo agyiraehyɛde yi so dua.

Wɔde mmofra a wofi adehye mmusua mu bɔɔ afɔre wɔ ogya mu maa anyame te sɛ Tanit ne Baal-Hammon. Wɔ Carthage no, wɔhyew mmofra de wɔn bɔɔ afɔre maa Kronos kɔbere honi bi. Diodorus Siculus, afeha a edi kan A.Y.B. mu abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka sɛ na wɔmma abofra no abusuafo kwan sɛ wonsu. Ebia wogye dii sɛ nusu a ɛkyerɛ ɛyawdi no bɛtew bo a afɔrebɔ no som so.

Bere bi no, wɔyɛɛ amanne a ɛte saa ara wɔ Yerusalem wɔ tete Tofet. Ná asomfo a wɔwɔ hɔ no saw bɔ mpintin sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnte abofra no su bere a wɔtow no kyene Molek yafunu a ɛyɛ fononoo no mu gyaframa mu no.—Yeremia 7:31.

Yehowa bo fuw wɔn a wɔde atirimɔden sisiw wɔn aso wɔ afoforo yawdi ho no kɛse. (Fa toto Mmebusɛm 21:13 ho.) Sɛ́ Onyankopɔn a ohu mmofra mmɔbɔ no, ɛda adi sɛ Yehowa de mmofra a wɔte saa a wɔn ho nni asɛm no bɛka “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre” no ho.—Asomafo no Nnwuma 24:15; Exodus 22:22-24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena