Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 9/1 kr. 29
  • “Munso Nea Moanya No Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Munso Nea Moanya No Mu”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Minyaa Nokware Ahonyade wɔ Australia
    Nyan!—1994
  • Animia de Nkɔso Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Sɛnea Wubehu Nea Ɛsɛ sɛ Wutie No
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Mfirihyia Dubiako A Mede Hwehwɛɛ Nokware Ademude
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 9/1 kr. 29

“Munso Nea Moanya No Mu”

Ná Adansefo kuw bi reka asɛm wɔ nsupɔw bɛyɛ 30 a ɛbom yɛ Greece Cyclades Islands no biako so. Bere a wɔn mu baanu nam kwan so rekɔ no, wohyiaa polisini bi, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni n’akyi nkɔ polisifo adwumayɛbea hɔ. Woduu polisifo adwumayɛbea hɔ no, ankyɛ na obi frɛe wɔ telefon so. Ná ɛyɛ kurom hɔ sɔfo no. Ɔkae sɛ: “Mate sɛ Yehowa Adansefo aba kurom ha.” Polisini no buae sɛ: “Yiw, wɔn mu baanu wɔ ha.” “Mereba hɔ seesei ara.” Sɛnea nkɔmmɔbɔ no kɔe no bɔɔ anuanom no hu kakra.

Nanso, bere a ɔsɔfo no duu hɔ no, ɔserewee, na okyiaa wɔn nsam, traa akongua a esi polisini no nkyɛn so. Bere a nkɔmmɔbɔ no rekɔ so no, ɛbɛdaa adi sɛ na abufuw wɔ polisini no kasa mu kakra, nanso ɔsɔfo no daa ntease ne obu adi. Ɔka kyerɛɛ polisini no sɛ ommmu Adansefo no animtia, na ɔde kaa ho sɛ: “Esiane sɛ wonya ntetee fi Teokrase Ɔsom Sukuu no mu nti, wobetumi ayi asɛmmisa biara ano. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetutu asase afi ne nnyinaso so sen sɛ wobɛma Yehowa Ɔdansefo bi asesa ne gyidi.”

Bere a anuanom no reka asɛm da a edi hɔ anɔpa no, wɔsan hyiaa ɔsɔfo no, na wobisaa no sɛ: “Bere a yɛrekasa wɔ polisifo adwumayɛbea hɔ no, dɛn nti na wo ne yɛn dii no adamfofa kwan so saa?” Ɔsɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ onim Adansefo pii wɔ Syros, na wakenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mfe pii. Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ mmere bi a ɔde Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma sie ne nkrataa mu hwɛ mu de yɛ asɔre. Ɔkae sɛ: “Sɛ manhyia mo nhoma ahorow a, anka minnye nni sɛ asetra bɛkɔ yiye. Ɛno na ekurakura me.”

Akyiri yi, ɔsɔfo no ka kyerɛɛ Adansefo no sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka asɛm biako kyerɛ mo. Munso nea moanya no mu. Munnni mfomso nnnyae mu da. Asɛm a mereka akyerɛ mo nnɛ no sen asɛm biara a mede ayɛ asɔre pɛn, na ɛnyɛ m’ano kɛkɛ na mede reka; ɛyɛ asɛm paa ara a efi me koma nyinaa mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena