Wɔasan De Onyankopɔn Din No Ahyɛ Nea Ɛhyɛ
BERE a woyii edin Yehowa no fii Bible mu mfe pii anaa bɛyɛ mfehaha pii mpo no, ne nnɛyi adansefo nkutoo ne Kristofo ahyehyɛde a wɔagyina pintinn de tetragrammaton no ahyɛ nea ɛhyɛ.”a
Nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no fi nhoma Jeová dentro do judaísmo e do cristianismo (Yehowa Wɔ Yudasom ne Kristosom Mu), a Brazilni nhomakyerɛwfo Assis Brasil na ɔkyerɛwee no mu. Nanso ebia obi bebisa sɛ, Ɛwom sɛ Bible nkyerɛase kakraa bi de Onyankopɔn din di dwuma wɔ akwan horow so de, nanso dɛn nti na ɔsom a aka no yi fii wɔn Bible ahorow mu? Brasil ka sɛ: “Ebetumi aba sɛ gyidihunu . . . , adwene a ɛnteɛ, anaasɛ ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wɔbɛma Yesu ne ne maame, Maria, din so nti na woyii Onyankopɔn din no.”
Nanso, sɛnea Owura Brasil da no adi ma ɛfata no: “New World Translation of the Holy Scriptures no asiesie [Onyankopɔn] din no a woyii no koraa wɔ Portugal kasa mu.” Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ wɔasan de edin Yehowa no ahyɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔ saa Bible no mu. Edin Yehowa no pue bɛboro mpɛn 7,200 wɔ New World Translation mu.
Efi bere a edi kan a woyii no adi no, wɔakyekyɛ nnɛyi nkyerɛase a etu mpɔn yi mfuamfua bɛboro ɔpepem asia ne fã wɔ Portugal kasa mu. Enti, ɛkaa sɛnkyerɛwfo bi a ɔrekyerɛw asɛm bi wɔ Brazil atesɛm krataa Diário do Nordeste (Kusuu Fam Apuei Atesɛm Krataa) mu ma obisae sɛ, “So na wunim sɛ Onyankopɔn wɔ din?” Esiane saa nnɛyi Bible nkyerɛase yi nti, nnipa ɔpepem pii betumi abua, “Yiw. Onyankopɔn din ne Yehowa.”
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ Hebri kasa mu no, wɔkyerɛw Onyankopɔn din no יהוה. Wɔtaa frɛ saa nkyerɛwde anan yi (wɔkan fi nifa kɔ benkum so) Tetragrammaton.