Ɔma a Ɛsom Bo Wɔ Yehowa Ani So
Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Mozambique nsa kaa krataa a edi so yi:
“Meyɛ abarimaa a madi mfe ason. Mekɔ mfitiase sukuu. Mede akokɔ bi a meyɛn no ho sika remena mo. Metɔn no gyee Meticais 12,000 [₵3,200]. Meda Yehowa ase sɛ wama akokɔ a midii kan yɛnee no no anyin. Mepɛ sɛ mode m’akyɛde yi yɛ Yehowa Ahenni adwuma.
“AN: Me papa na ɔboaa me ma mekyerɛw saa krataa yi.”
Nnipa binom ka sɛ wɔn a wɔwɔ nneɛma ma aboro so na wɔyɛ ayɛ. Nanso sɛ yɛkenkan Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa okunafo a ɔde “mman abien” guu tow adaka no mu no ho a, yetumi hu sɛ ɛnyɛ nneɛma dodow a obi beyi na ɛkyerɛ sɛ ne yam ye na mmom koma pa a ɔwɔ.—Luka 21:1-4.
Yehowa ani sɔ akyɛde biara a ɔdɔ kanyan obi koma ma ɔde ma no ɛmfa ho sɛ esua. Na ohyira wɔn a wosuasua n’ayamye denam wɔn bere, wɔn ahoɔden, anaa honam fam nneɛma a wɔde boa n’Ahenni no pii no so.—Mateo 6:33; Hebrifo 6:10.