Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 12/15 kr. 32
  • “Ade a Ɛsɛ sɛ Ɛma Obiara Ani Gye”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ade a Ɛsɛ sɛ Ɛma Obiara Ani Gye”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 12/15 kr. 32

“Ade a Ɛsɛ sɛ Ɛma Obiara Ani Gye”

NNIPA bɛyɛ 10,500 na wɔwɔ nsupɔw akron a wɔaka abom ayɛ no ɔman fɛfɛ, Tuvalu, a ɛwɔ South Pacific no mu. Nanso, esiane sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no nim sɛ Onyankopɔn ‘pɛ ne sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu’ nti, wɔpɛe sɛ wonya Bible ho nhoma horow wɔ wɔn ankasa kasa mu. (1 Timoteo 2:4) Na eyi yɛ asɛnnennen, esiane sɛ na wonni ɛhɔnom kasa ho nsɛm asekyerɛ nhoma biara nti. Wɔ afe 1979 mu no, Yehowa Dansefo sɛmpatrɛwfo bi a na ɔresom wɔ Tuvalu no faa asɛyɛde no too ne ho so. Ɔne ne yere kɔtraa abusua bi nkyɛn wɔ hɔ, suaa kasa no, na wɔde nkakrankakra boaboaa Tuvalu kasa mu nsɛmfua ano. Eduu afe 1984 no, na wɔatintim Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., yɛe no wɔ Tuvalu kasa mu.

Oduruyɛfo T. Puapua, a kan no na ɔyɛ Tuvalu man no soafo panyin no kyerɛw krataa de kyerɛɛ Tra Ase Daa nhoma no ho anisɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Saa nhoma yi nso yɛ Tuvalu ‘ademude’ foforo a ɛho hia. Ɛsɛ sɛ mo ani gye kɛse wɔ ɔfã a moanya no ho—ɔfã titiriw a moanya wɔ saa man yi mufo honhom fam nkɔso mu no. Migye di sɛ wɔbɛkyerɛw dwumadi yi aka Tuvalu abakɔsɛm a ɛfa nkyerɛkyerɛ nhoma a wotintim no ho. . . . Ade [a moayɛ] yi yɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛma obiara ani gye.”

Nsɛmfua a nsɛm asekyerɛfo no boaboaa ano no maa wotumi yɛɛ Tuvalu-Engiresi kasa mu nsɛm asekyerɛ nhoma wɔ afe 1993 mu. Ɛno ne nsɛm asekyerɛ nhoma a edi kan a wɔyɛ maa ɔmanfo wɔ saa kasa no mu. Nnansa yi, Tuvalu Ɔman Kasa Boayikuw no abisa hokwan a ɛbɛma wɔde adi dwuma de ayɛ ɛhɔnom kasa ho nsɛm asekyerɛ nhoma a edi kan.

Efi January 1, 1989 no, wɔatintim Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no wɔ Tuvalu kasa mu a ɛba ɔsram biara. Sɛ wokenkan nsɛmma nhoma yi wɔ kasa a wote mu a, dɛn nti na wonhwɛ kratafa 2 nhwɛ sɛ wubehu sɛ kasa a woka no ka kasa horow a wotintim Ɔwɛn-Aban wom no ho anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ wo kurom kasa mu a wobɛkenkan no bɛma woanya anigye kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena