Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde ma March: Wobetumi de nhoma a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1980 reba biara ama de agye bo a ɛwɔ Cost List so no fa. (Monhwɛ February, 1989 Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow mu nhwɛ ɔkwan a mobɛfa so abisa ama wɔatew afi mo ka so.) April: Momfa Revelation Climax nhoma no mma. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu. Faako a wɔankra bi no, wubetumi de nsɛmma nhoma abien ne nhomawa biara biako, gye Sukuu nhomawa no, ama de agye sɛnea wɔde gye daa no.
● Nkaedi bobesa wɔ mmeae a wokotua sika no nyinaa. Ne bo yɛ ¢250 ma Fanta tumpan biako biara. Mubehia sɛ mode mo ankasa tumpan a emu tew ne ntuano kɔ. Monkae sɛ anyɛ yiye koraa no, ebegye tumpan a ne kɛse te sɛ Fanta de no abien ansa na atumi aso akuw abiɛsa a ɛsosoe kakra.
● Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ hu mprempren sɛ wɔbɛpaw akasafo a wɔfata ne wɔn a wogye ahɔho ma wɔadi Nkaedi afahyɛ no ho dwuma wɔ kuw no nyinaa mu. Monhwɛ nhu sɛ kuw biara wɔ abodoo ne bobesa a ɛfata no bi. Sɛ asiane nnim a, monkeka akuw no mmom.
● Esiane sɛ ebia nnamfo a wɔnkɔ yɛn nhyiam no bi daa bɛkɔ Nkaedi no ase nti, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ mode Nkaedi no bɛkɔ baabi a ɛnyɛ ɛhɔ na kuw no hyia daa. Ɛsɛ sɛ obiara hwɛ yiye wɔ sɛnea ɔne nnamfo a wɔbɛba Nkaedi no ase kasa no ho. Munya ahɔhoyɛ ne adamfofa su. Nanso monkae nso sɛ ɛnyɛ obiara na ɛsɛ sɛ ohu faako a yehyia ne nea ɛkeka ho. Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ Nkaedi Bible akenkan no. Nhyehyɛe no na edidi so yi:
Yawda, April 5: Yohane 12:2-19; Marko 11:1-11.
Fida, April 6: Yohane 12:20-50.
Memeneda, April 7: Luka 21:1-36.
Kwasida, April 8: Marko 14:1, 2, 10, 11.
Dwoda, April 9: Mateo 26:17-19; Marko 14:12-16; Luka 22:1-13.
Benada, April 10, Nkaedi da, bere a owia akɔtɔ: Yohane 19:1-42.
● Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nhyiam biara Benada, April 10 ka Nkaedi no ho. Sɛ mo asafo no yɛ nhyiam horow Benada dedaw a, mubetumi ayi akɔ dapɛn no mu da foforo.
● Nea ɛbɛyɛ na moatumi ayɛ abodoo a mmɔkaw nnim a ɛfata ama Nkaedi no nti, yɛsrɛ mo monhwɛ sɛnea wosi yɛ no a wɔakyerɛ wɔ February 1, 1985 Ɔwɛn Aban, kratafa 27 no mu.
● Monyɛ nhyehyɛe sɛ mobɛboa 1990 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no kɛse Kwasida, March 25 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Monkae sɛ asɛmti no ne “Hwehwɛ Nkwa Ankasa No!”
● Wɔde Cost List foforo fii ase yɛɛ adwuma ti March 1, 1990. Yɛde ɛho nkrataa no anan remana asafo biara. Ɛho renhia sɛ mokan mo nhoma ahorow no mprempren esiane sɛ mo mu bebree nsa renka wɔn nhoma a wɔwɔ no nti. Bere no mu no, wɔde nhoma ne nsɛmma nhoma a wɔde bɛmana mo fi nnɛ kɔ nyinaa begye bo foforo no.
● Ɛsɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu March 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi.