Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w23 July kr. 31
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ogya Antumi Ansɛe Wɔn Gyidi
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Dua Kɛse no Ho Ahintasɛm Asekyerɛ
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Ná Wɔrenkotow
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Wɔankotow Ohoni No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
w23 July kr. 31

So Wunim?

Birikisi a wɔhui wɔ tete Babilon amamfo so, ne sɛnea na wɔyɛ no no, ɔkwan bɛn so na ɛfoa nea Bible no ka so?

WƆN a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu birikisi a wɔato bebree a wɔde kyekyee tete Babilon kurow no wɔ n’amanfo so. Robert Koldewey a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu kyerɛ sɛ, na wɔto birikisi a ɛtete saa no wɔ fononoo mu. Ná wɔsisi fononoo no wɔ “kurotia efisɛ na dɔte pa ne anyina a wɔde bɛsɔ gya . . . abu so wɔ hɔ.”

Tete kyerɛwtohɔ ahorow ma yehu sɛ na Babilon atumfoɔ de fononoo a na wɔsisi no nso di awurukasɛm. Paul-Alain Beaulieu a ɔyɛ tete Asiria abakɔsɛm ho ɔbenfo wɔ Toronto Suapɔn mu ka sɛ: “Babilon kyerɛwtohɔ ahorow kyerɛ sɛ, ɔhene no hyɛɛ mmara sɛ, sɛ obi tew ne so atua anaa ogu biribi a wɔbu no sɛ ɛyɛ kronkron ho fi a, wɔnhyew no wɔ fononoo mu.” Kyerɛwtohɔ bi a na ɛwɔ Ɔhene Nebukadnesar bere so tɔnn ka sɛ: “Sɛe wɔn, hyew wɔn, toto wɔn, . . . wɔ fononoo mu . . . ma wɔn wusiw nkɔ soro, na ma ogya a ano yɛ den no nkunkum wɔn.”

Wei ma wɔn a ɛkenkan Bible kae nsɛm a esisii a wɔakyerɛw wɔ Daniel ti 3 no. Saa abakɔsɛm no ma yehu sɛ Ɔhene Nebukadnesar de sika kɔkɔɔ yɛɛ ohoni kɛse bi de sii Dura asaasetraa so wɔ Babilon kurotia. Bere a Hebrifo mmerante mmiɛnsa a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abed-Nego ankotow ohoni no, Nebukadnesar bo fuwii na ɔkaa sɛ wɔnsɔ fononoo na wɔmma emu “nyɛ hyew mpɛn ason nkyɛn sɛnea wɔtaa yɛ no no,” na ɔma wɔtow mmarima mmiɛnsa no “guu fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu.” Nanso ɔbɔfo bi begyee wɔn.—Dan. 3:1-6, 19-28.

© The Trustees of the British Museum. Licensed under CC BY-NC-SA 4.0. Source

Birikisi a wɔato a Nebukadnesar din wɔ so

Birikisi a wɔhui wɔ Babilon no nso foa nea Bible ka no so. Emu bebree wɔ hɔ a, nsɛm a wɔakyerɛw wɔ so no kamfo ɔhene no. Emu baako ka sɛ: “Nebukadnesar, Babilon Hene . . . Ahemfie a me Ɔhenkɛse masi no, . . . Ma m’asefo nni ade wɔ hɔ daa.” Saa asɛm yi ne asɛm a ɛwɔ Daniel 4:30 no sɛ paa. Ɛhɔ no, Nebukadnesar hoahoaa ne ho sɛ: “Babilon Kɛse a mede me ara m’ahoɔden ne me tumi akyekye de ayɛ ahenkurow sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu m’anuonyam ne me tumi no, ɛnyɛ ɛno ni?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena