BIBLE MU ASƐM BI
“Momma Kristo Asomdwoe Nni Mo Koma So”
Kolosefo ti 3 nkyekyɛm 15 ka “Kristo asomdwoe” ho asɛm. Ɛyɛ asomdwoe bɛn? Ɛyɛ akomatɔyam a obi nya esiane sɛ ɔyɛ Kristo suani nti. Nea ɛma onya saa akomatɔyam no ne sɛ, onim sɛ Yehowa ne ne Ba Yesu dɔ no.—Yoh. 14:23, 27.
Ɔsomafo Paul hyɛɛ anuanom a na wɔwɔ Kolose asafo no mu nkuran sɛ, wɔmma saa asomdwoe yi nni wɔn koma so anaa nni hene wɔ wɔn komam. Ná wɔbɛyɛ no sɛn? Greek asɛmfua a Paul de dii dwuma no, ɛte sɛ asɛmfua a wɔde ka referee a ogyina agokansie bi mu ho asɛm. Sɛnea referee wɔ tumi wɔ agokansie bi so no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛma “Kristo asomdwoe” no nso nya yɛn adwene ne yɛn koma so tumi.
Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ akasakasa bi sɔre wɔ yɛne yɛn nua Kristoni bi ntam a, ɛsɛ sɛ yɛma “Kristo asomdwoe” no kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Sɛ yɛma “Kristo asomdwoe” no di hene wɔ yɛn koma mu a, ɛbɛma yɛahu nea yɛbɛyɛ na asomdwoe ne baakoyɛ atena yɛne yɛn nuanom ntam. Sɛ yebetumi ayɛ wei a, ehia sɛ yɛde nea yɛpɛ ne sɛnea yɛte nka to nkyɛn, na yɛhwɛ sɛ yɛremma biribiara nsɛe yɛne yɛn nuanom ntam. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛama Kristo asomdwoe no redi hene wɔ yɛn komam.—Kol. 3:12-14.