So Wunim?
Sɛn na na Roma Aban Awɛmfo no siesie wɔn ho?
Aka bɛyɛ mfeɛ 27 ama wɔawo Yesu no, bere a na Kaesare Augusto di adeɛ no, na Romafo wɔ asraafo akukudam bi a wɔfrɛ wɔn Aban Awɛmfo, na na wɔn na wɔbɔ ɔhempɔn no ne n’abusua ho ban.
Aban Wɛmfo bi a ɔhyɛ ataadeɛ a ɛbɛma ne ho ahan no
Sɛ Aban Awɛmfo yi wɔ Roma a, na wɔtaa siesie wɔn ho te sɛ ɔmanfo no ara. Ná wɔtaa hyɛ ntaadeɛ a emu sõsõ na ɛma wɔn ho han wɔn, na ɛtɔ da nso a, na wɔtumi de nguguso bi gu ntaadeɛ a ɛhyɛ wɔn dada no so. Nanso sɛ wɔrebɔ ɔhempɔn no ho ban wɔ Roma kuro no ankasa mu deɛ a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔhyɛ ataadeɛ bi a wɔfrɛ no “toga.” Ɛno ne ataadeɛ a na ɔmanfo no taa hyɛ bere a wɔrekɔ dwabɔ titiriw bi ase.
Ná akodeɛ a Roma sraani bi kura ma yehu sɛ ɔka Aban Awɛmfo no ho. Brill’s New Pauly: Encyclopaedia of the Ancient World nwoma no ka sɛ: “Sɛ asraafo yi redi dwuma bi wɔ Roma a, na wɔhyɛ ntaadeɛ te sɛ nea ɔmanfo no hyɛ no ara, na na wɔde sekan hyehyɛ wɔn ho. Afei nso na wɔkurakura akyɛm.” Ná wɔde sekan no hyehyɛ bɛlt a ɛbɔ wɔn no ho wɔ wɔn benkum ne wɔn nifa so, na ɛbɛyɛ sɛ na ebi yɛ sekan a wɔde kɔ ɔko, ne sekan ketewa bi.
Sɛ Aban Awɛmfo rebɔ ɔhempɔn no ho ban, anaa wɔrekɔ dwabɔ titiriw bi ase a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔhyɛ ntaadeɛ bi a wɔfrɛ no “toga.”
Bere bi, na ɔsomafo Paul yɛ deduani wɔ ɔno ankasa fie wɔ Roma. Ɔtwɛnee mfeɛ mmienu ansa na wɔredi n’asɛm, na saa bere no nyinaa, ɛbɛyɛ sɛ Aban Awɛmfo yi bi na na ɛhwɛ ne so. Ná afoforɔ tumi ba hɔ bɛsra no, na obiara a ɔbɛba hɔ nso na odi no adanse. Ná Paul de Tworɔnsɛm no boa wɔn ma wɔhu sɛ Yesu ne Mesia no, na Onyankopɔn Ahenni no nko ara ne adasamma anidaso.—Aso. 28:16, 23, 30, 31.
Paul kaa sɛ: “Nkɔnsɔnkɔnsɔn a Kristo nti wɔde agu me no, Aban Awɛmfo nyinaa ne nnipa a aka nyinaa ate ho asɛm.” (Filip. 1:12, 13) Saa asɛm a Paul kae yi ka koma paa, efisɛ na Aban Awɛmfo yɛ asraafo a wɔdɔɔso paa; na wɔyɛ mpempem pii. Bere a na ɔsomafo Paul yɛ ɔdeduani mpo no, Yehowa buee kwan maa no tumi dii nnipa pii adanse, na asɛmpa no trɛɛe.